1Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a, ma Israel nka.
2Sɛ anka Awurade nni yɛn afa ɛberɛ a nnipa to hyɛɛ yɛn so,
3ɛberɛ a wɔn abufuo sɔree tiaa yɛn a, anka wɔmenee yɛn anikann;
4anka nsuyire no bu faa yɛn so, anka ɔhweam no twee yɛn kɔeɛ,
5anka nsuo a ano yɛ den no afa yɛn kɔ.
6Nkamfoɔ nka Awurade a wɔamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antete yɛn mu.
7Yɛadwane sɛ anomaa afiri afirisumfoɔ afidie mu; afidie no mu abubu, ama yɛanya ɛkwan adwane.
8Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu, ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.