1Kora mma dwom. Awurade ato ne fapem wɔ bepɔ kronkron no so;
2Awurade dɔ Sion apono no sene Yakob atenaeɛ nyinaa.
3Wɔka wo ho animuonyamsɛm Ao Onyankopɔn kuropɔn:
4“Mede Rahab ne Babilonia bɛka wɔn a wɔyɛ ɔsetie ma me no ho, Filistia, Tiro ne Kus nso mɛka sɛ, ‘Wɔwoo yeinom wɔ Sion.’ ”
5Ampa ara wɔbɛka wɔ Sion ho sɛ, “Wɔwoo yei ne ɔno wɔ ne mu, na Ɔsorosoroni no ankasa de no bɛtim hɔ.”
6Awurade bɛtwerɛ wɔ nnipa dintwerɛ nwoma no mu sɛ, “Wɔwoo yei wɔ Sion.”
7Na wɔbɛto dwom sɛ, “Me nhini nyinaa wɔ wo mu.”