1Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.
2Na wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana. Israel mmarima a wɔfiri asutwa mu baeɛ no dodoɔ nie:
3Dodoɔ a wɔyɛ Paros abusuafoɔ 2,172
4Sefatia abusuafoɔ 372
5Arah abusuafoɔ 775
6Pahat-Moab abusuafoɔ (Yesua ne Yoab asefoɔ) 2,812
7Elam abusuafoɔ 1,254
8Satu abusuafoɔ 945
9Sakai abusuafoɔ 760
10Bani abusuafoɔ 642
11Bebai abusuafoɔ 623
12Asgad abusuafoɔ 1,222
13Adonikam abusuafoɔ 666
14Bigwai abusuafoɔ 2,056
15Adin abusuafoɔ 454
16Ater abusuafoɔ (Hesekia asefoɔ) 98
17Besai abusuafoɔ 323
18Yora abusuafoɔ 112
19Hasum abusuafoɔ 223
20Gibar abusuafoɔ 95
21Betlehemfoɔ 123
22Netofafoɔ 56
23Anatotfoɔ 128
24Asmawetfoɔ 42
25Kiriat-Yearimfoɔ, Kefirafoɔ ne Beerotfoɔ 743
26Ramafoɔ ne Gebafoɔ 621
27Mikmasfoɔ 122
28Bet-Elfoɔ ne Aifoɔ 223
29Nebo ɔman mma 52
30Magbis ɔman 156
31Elam ɔman mma 1,254
32Harim ɔman mma 320
33Lod, Hadid ne Ono ɔman mma 725
34Yeriko ɔman mma 345
35Senaa ɔman mma 3,630
36Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yedaia abusuafoɔ (a ɛfa Yesua fiefoɔ) 973
37Imer abusuafoɔ 1,052
38Pashur abusuafoɔ 1,247
39Harim abusuafoɔ 1,017
40Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yesua ne Kadmiel abusuafoɔ (Hodawia asefoɔ) 74
41Nnwontofoɔ: Asaf abusuafoɔ 128
42Aponoanohwɛfoɔ: Salum, Ater, Talmon abusuafoɔ Akub, Hatita ne Sobai abusuafoɔ 139
43Asɔredan asomfoɔ: Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ,
44Keros, Siaha, Padon asefoɔ,
45Lebana, Hagaba, Akub asefoɔ,
46Hagab, Salmai, Hanan asefoɔ,
47Gidel, Gahar, Reaia asefoɔ,
48Resin, Nekoda, Gasam asefoɔ,
49Usa, Paseah, Besai asefoɔ,
50Asna, Meunim, Nefus asefoɔ,
51Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,
52Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,
53Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,
54Nesia ne Hatifa.
55Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ: Sotai, Hasoferet, Peruda asefoɔ,
56Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,
57Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Ami.
58Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ yɛ 392
59Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ. Saa nnipakuo yi ne:
60Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ yɛ 652
61Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa: Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)
62Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ.
63Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.
64Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no yɛ mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia (42,360),
65a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson (7,337) nka ho, ne nnwomtofoɔ ahanu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmaa.
66Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia (736), mfunumu ahanu aduanan enum (245),
67nyoma ahanan aduasa enum (435) ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔeɛ.
68Ɛberɛ a wɔduruu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofoɔ no bi firii akoma pa mu yii ntoboa a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no wɔ ne siberɛ dada mu hɔ.
69Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako (61,000), dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa (3,000) ne asɔfotadeɛ ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfoɔ.
70Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so.